2 Timoteo 1:7
2 Timothy 1:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛfiri sɛ, Honhom a Onyankopɔn de maa yɛn no mma yɛnyɛ ahufoɔ; na mmom, Honhom no ma yɛn tumi, ɔdɔ ne ahohyɛsoɔ.
2 Timothy 1:7 in English
2 Timothy 1:7 · Berean Standard Bible
For God has not given us a spirit of fear,* but of power, love, and self-control.
Context
5Mekae gyidie a emu yɛ den a na wowɔ, gyidie a ɛfirii aseɛ firii wo nana Lois ne wo maame Eunike mu no, na megye di sɛ woda so kura saa gyidie no a emu yɛ den no ara mu. 6Yei enti merebɔ wo nkaeɛ sɛ kae akyɛdeɛ a ɛberɛ a mede me nsa guu wo so no Onyankopɔn de maa wo no. 7Ɛfiri sɛ, Honhom a Onyankopɔn de maa yɛn no mma yɛnyɛ ahufoɔ; na mmom, Honhom no ma yɛn tumi, ɔdɔ ne ahohyɛsoɔ. 8Mma wʼani nnwu Awurade adansedie, ne me a meyɛ ne deduani ho. Na sɛ ɔhaw bi to wo Asɛmpa no ka ho a, gyina pintinn wɔ ahoɔden a Onyankopɔn de ama wo no mu. 9Ɔgyee yɛn nkwa frɛɛ yɛn sɛ yɛmmɛyɛ ne dea. Ɛnyɛ biribi pa bi a yɛayɛ enti, na mmom, ɛyɛ nʼadom ara kwa. Ansa na wɔrehyɛ ewiase ase no na ɔnam Kristo Yesu so kyɛɛ yɛn saa adom no,
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.