2 Samuel 3:11
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Esiane sɛ na Is-Boset suro Abner enti, wantumi ankasa bio.
2 Samuel 3:11 in English
2 Samuel 3:11 · Berean Standard Bible
And for fear of Abner, Ish-bosheth did not dare to say another word to him.
Context
9Sɛ mammoa Dawid ma ne nsa anka deɛ Awurade hyɛɛ ho bɔ no a, Onyankopɔn ne me nni no nwononwono. 10Mede Saulo ahennie bɛkɔ akɔma Dawid na matim Dawid ahennwa ase wɔ Israel ne Yuda so afiri Dan akɔsi Beer-Seba.” 11Esiane sɛ na Is-Boset suro Abner enti, wantumi ankasa bio. 12Afei, Abner tuu abɔfoɔ kɔɔ Dawid nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Ma yɛnyɛ nhyehyɛeɛ na mɛboa ama yɛadane Israelman mu no nyinaa ama wo.” 13Dawid buaa sɛ, “Ɛyɛ asɛm papa, nanso me ne wo renyɛ saa nhyehyɛeɛ no gye sɛ, sɛ woreba a, wode me yere Mikal a ɔyɛ Saulo babaa no brɛ me.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.