2 Samuel 3:12
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Afei, Abner tuu abɔfoɔ kɔɔ Dawid nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Ma yɛnyɛ nhyehyɛeɛ na mɛboa ama yɛadane Israelman mu no nyinaa ama wo.”
2 Samuel 3:12 in English
2 Samuel 3:12 · Berean Standard Bible
Then Abner sent messengers in his place to say to David, “To whom does the land belong? Make your covenant with me, and surely my hand will be with you to bring all Israel over to you.”
Context
10Mede Saulo ahennie bɛkɔ akɔma Dawid na matim Dawid ahennwa ase wɔ Israel ne Yuda so afiri Dan akɔsi Beer-Seba.” 11Esiane sɛ na Is-Boset suro Abner enti, wantumi ankasa bio. 12Afei, Abner tuu abɔfoɔ kɔɔ Dawid nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Ma yɛnyɛ nhyehyɛeɛ na mɛboa ama yɛadane Israelman mu no nyinaa ama wo.” 13Dawid buaa sɛ, “Ɛyɛ asɛm papa, nanso me ne wo renyɛ saa nhyehyɛeɛ no gye sɛ, sɛ woreba a, wode me yere Mikal a ɔyɛ Saulo babaa no brɛ me.” 14Enti, Dawid soma ma wɔkɔbɔɔ Saulo babarima Is-Boset amaneɛ sɛ, “Ma me nsa nka me yere Mikal, ɛfiri sɛ, mede Filistifoɔ ɔha nkwa na ɛtɔɔ no.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.