2 Samuel 3:9
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Sɛ mammoa Dawid ma ne nsa anka deɛ Awurade hyɛɛ ho bɔ no a, Onyankopɔn ne me nni no nwononwono.
2 Samuel 3:9 in English
2 Samuel 3:9 · Berean Standard Bible
May God punish Abner, and ever so severely, if I do not do for David what the LORD has sworn to him:
Context
7Emu hɔ Is-Boset bɔɔ Abner kwaadu sɛ ɔne nʼagya Saulo mpena a wɔfrɛ no Rispa, a ɔyɛ Aya babaa, ada. 8Abner bo fuu yie kaa sɛ, “Meyɛ nkraman sodifoɔ wɔ Yuda na wɔadwoodwoo me saa? Deɛ mayɛ ama wo ne wʼagya, a mannyi mo amma Dawid no, mʼayɛyie ne sɛ, mode ɔbaa yi ho asɛm rekyekyere me? 9Sɛ mammoa Dawid ma ne nsa anka deɛ Awurade hyɛɛ ho bɔ no a, Onyankopɔn ne me nni no nwononwono. 10Mede Saulo ahennie bɛkɔ akɔma Dawid na matim Dawid ahennwa ase wɔ Israel ne Yuda so afiri Dan akɔsi Beer-Seba.” 11Esiane sɛ na Is-Boset suro Abner enti, wantumi ankasa bio.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.