2 Samuel 17:24
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ankyɛre na Dawid duruu Mahanaim. Saa ɛberɛ yi na Absalom aboaboa Israel akodɔm no nyinaa ano a ɔdi wɔn anim rekɔtwa Asubɔnten Yordan.
2 Samuel 17:24 in English
2 Samuel 17:24 · Berean Standard Bible
Then David went to Mahanaim, and Absalom crossed the Jordan with all the men of Israel.
Context
22Enti, Dawid ne nnipa no nyinaa tutuu so, kɔtwaa Yordan. Ɛduruu ahemadakye no, na obiara atwa Yordan kɔ nʼagya. 23Ahitofel hunuu sɛ nʼanim agu ase, ɛfiri sɛ wɔamfa nʼafotuo no, ɔhyehyɛɛ nʼafunumu tenaa ne so, kɔɔ ne kurom. Ɔtotoo ne nneɛma yie, na ɔhyɛɛ ne ho akɔmfo. Enti, ɔwuiɛ ma wɔsiee no wɔ nʼagya da mu. 24Ankyɛre na Dawid duruu Mahanaim. Saa ɛberɛ yi na Absalom aboaboa Israel akodɔm no nyinaa ano a ɔdi wɔn anim rekɔtwa Asubɔnten Yordan. 25Absalom yii Amasa de no tuaa akodɔm no ano, sii Yoab a na anka ɔyɛ Dawid sahene no ananmu. Amasa yɛ ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yitra, a ɔyɛ Israelni a ɔwaree Abigail a ɔyɛ Nahas babaa, na ɔyɛ Seruia nuabaa, a ɔyɛ Yoab na no ba. 26Israelfoɔ no ne Absalom tenaa Gilead asase so.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.