Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ahitofel hunuu sɛ nʼanim agu ase, ɛfiri sɛ wɔamfa nʼafotuo no, ɔhyehyɛɛ nʼafunumu tenaa ne so, kɔɔ ne kurom. Ɔtotoo ne nneɛma yie, na ɔhyɛɛ ne ho akɔmfo. Enti, ɔwuiɛ ma wɔsiee no wɔ nʼagya da mu.

2 Samuel 17:23 in English

2 Samuel 17:23 · Berean Standard Bible

When Ahithophel saw that his advice had not been followed, he saddled his donkey and set out for his house in his hometown. He put his affairs in order and hanged himself. So he died and was buried in his father’s tomb.

Context

21Afei mmarima baanu no firii abura no mu, de mmirika kɔɔ ɔhene Dawid nkyɛn kɔbɔɔ no amaneɛ sɛ, “Firi ha tware asuo no ntɛm so anadwo yi!” Wɔkaa Ahitofel afotuo a ɛbɛma wɔakyere no akum no no kyerɛɛ no. 22Enti, Dawid ne nnipa no nyinaa tutuu so, kɔtwaa Yordan. Ɛduruu ahemadakye no, na obiara atwa Yordan kɔ nʼagya. 23Ahitofel hunuu sɛ nʼanim agu ase, ɛfiri sɛ wɔamfa nʼafotuo no, ɔhyehyɛɛ nʼafunumu tenaa ne so, kɔɔ ne kurom. Ɔtotoo ne nneɛma yie, na ɔhyɛɛ ne ho akɔmfo. Enti, ɔwuiɛ ma wɔsiee no wɔ nʼagya da mu. 24Ankyɛre na Dawid duruu Mahanaim. Saa ɛberɛ yi na Absalom aboaboa Israel akodɔm no nyinaa ano a ɔdi wɔn anim rekɔtwa Asubɔnten Yordan. 25Absalom yii Amasa de no tuaa akodɔm no ano, sii Yoab a na anka ɔyɛ Dawid sahene no ananmu. Amasa yɛ ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yitra, a ɔyɛ Israelni a ɔwaree Abigail a ɔyɛ Nahas babaa, na ɔyɛ Seruia nuabaa, a ɔyɛ Yoab na no ba.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.