Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɔdɔ ne ahoɔfɛ bɛn na na Saulo ne Yonatan nni, wɔn mu antete da, nkwa ne owuo mu. Na wɔn ho yɛ hare kyɛn akɔdeɛ; na wɔn ho yɛ den kyɛn agyata.

2 Samuel 1:23 in English

2 Samuel 1:23 · Berean Standard Bible

Saul and Jonathan, beloved and delightful in life, were not divided in death. They were swifter than eagles, they were stronger than lions.

Context

21“Ao Gilboa mmepɔ, mma bosuo anaa osuo ntɔ ngu wo so, anaa wo nsianeɛ so. Ɛfiri sɛ, ɛhɔ na wɔguu ɔkofoɔ kɛseɛ no akokyɛm ho fi; wɔremfa ngo nsra Saulo akokyɛm ho bio. 22“Saulo ne Yonatan kunkumm wɔn atamfoɔ ahoɔdenfoɔ! Wɔamfiri akono amma no nsapan. 23Ɔdɔ ne ahoɔfɛ bɛn na na Saulo ne Yonatan nni, wɔn mu antete da, nkwa ne owuo mu. Na wɔn ho yɛ hare kyɛn akɔdeɛ; na wɔn ho yɛ den kyɛn agyata. 24“Ao, Israel mmaa, monsu Saulo, ɛfiri sɛ, ɔfiraa mo ntoma pa, hyehyɛɛ mo sikakɔkɔɔ agudeɛ. 25“Akofoɔ akɛseɛ atotɔ akono. Yonatan awu da mmepɔ no so.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.