2 Samuel 1:25
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Akofoɔ akɛseɛ atotɔ akono. Yonatan awu da mmepɔ no so.
2 Samuel 1:25 in English
2 Samuel 1:25 · Berean Standard Bible
How the mighty have fallen in the thick of battle! Jonathan lies slain on your heights.
Context
23Ɔdɔ ne ahoɔfɛ bɛn
na na Saulo ne Yonatan nni,
wɔn mu antete da, nkwa ne owuo mu.
Na wɔn ho yɛ hare kyɛn akɔdeɛ;
na wɔn ho yɛ den kyɛn agyata. 24“Ao, Israel mmaa,
monsu Saulo,
ɛfiri sɛ, ɔfiraa mo ntoma pa,
hyehyɛɛ mo sikakɔkɔɔ agudeɛ. 25“Akofoɔ akɛseɛ atotɔ akono.
Yonatan awu da mmepɔ no so. 26Hwɛ sɛdeɛ mesu woɔ, me nua Yonatan;
Ao, hwɛ ɔdɔ a mede dɔɔ woɔ!
Na wo dɔ a wode dɔɔ me no mu dɔ;
emu dɔ sene mmaa dɔ! 27“Hwɛ sɛdeɛ akofoɔ akɛseɛ atotɔ!
Wɔayiyi wɔn akodeɛ afiri wɔn ho, na wɔawuwu deda hɔ.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.