2 Samuel 1:22
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Saulo ne Yonatan kunkumm wɔn atamfoɔ ahoɔdenfoɔ! Wɔamfiri akono amma no nsapan.
2 Samuel 1:22 in English
2 Samuel 1:22 · Berean Standard Bible
From the blood of the slain, from the fat of the mighty, the bow of Jonathan did not retreat, and the sword of Saul did not return empty.
Context
20“Monnka asɛm yi wɔ Gat,*
na Filistifoɔ abɔ ose!
Monnka wɔ Askelon mmɔntene so,
na abosonsomfoɔ ansere ahosɛpɛ mu. 21“Ao Gilboa mmepɔ,
mma bosuo anaa osuo ntɔ ngu wo so,
anaa wo nsianeɛ so.
Ɛfiri sɛ, ɛhɔ na wɔguu ɔkofoɔ kɛseɛ no akokyɛm ho fi;
wɔremfa ngo nsra Saulo akokyɛm ho bio. 22“Saulo ne Yonatan kunkumm wɔn atamfoɔ ahoɔdenfoɔ!
Wɔamfiri akono amma no nsapan. 23Ɔdɔ ne ahoɔfɛ bɛn
na na Saulo ne Yonatan nni,
wɔn mu antete da, nkwa ne owuo mu.
Na wɔn ho yɛ hare kyɛn akɔdeɛ;
na wɔn ho yɛ den kyɛn agyata. 24“Ao, Israel mmaa,
monsu Saulo,
ɛfiri sɛ, ɔfiraa mo ntoma pa,
hyehyɛɛ mo sikakɔkɔɔ agudeɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.