2 Samuel 1:20
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Monnka asɛm yi wɔ Gat,* na Filistifoɔ abɔ ose! Monnka wɔ Askelon mmɔntene so, na abosonsomfoɔ ansere ahosɛpɛ mu.
2 Samuel 1:20 in English
2 Samuel 1:20 · Berean Standard Bible
Tell it not in Gath; proclaim it not in the streets of Ashkelon, lest the daughters of the Philistines rejoice, and the daughters of the uncircumcised exult.
Context
18Na ɔhyɛɛ sɛ wɔnkyerɛ nnipa a wɔwɔ Yuda nyinaa to. Wɔtoo no edin sɛ agyan dwom a wɔatwerɛ wɔ Yasar Nwoma mu. 19“Wʼanimuonyam ne wʼahosɛpɛ, Ao Israel, awu da mmepɔ so!
Akofoɔ akɛseɛ atotɔ! 20“Monnka asɛm yi wɔ Gat,*
na Filistifoɔ abɔ ose!
Monnka wɔ Askelon mmɔntene so,
na abosonsomfoɔ ansere ahosɛpɛ mu. 21“Ao Gilboa mmepɔ,
mma bosuo anaa osuo ntɔ ngu wo so,
anaa wo nsianeɛ so.
Ɛfiri sɛ, ɛhɔ na wɔguu ɔkofoɔ kɛseɛ no akokyɛm ho fi;
wɔremfa ngo nsra Saulo akokyɛm ho bio. 22“Saulo ne Yonatan kunkumm wɔn atamfoɔ ahoɔdenfoɔ!
Wɔamfiri akono amma no nsapan.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.