2 Ahemfo 5:7
2 Kings 5:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛberɛ a Israelhene kenkan krataa no, ɔde ahometeɛ sunsuanee nʼatadeɛ mu, kaa sɛ, “Saa ɔbarima yi asoma ɔkwatani aba me nkyɛn, sɛ mensa no yadeɛ! Meyɛ Onyankopɔn a metumi kum, sane ma nkwa? Ɔrepɛ ɛkwan bi afa so, anya nnyinasoɔ bi, na wabɛto ahyɛ yɛn so bio.”
2 Kings 5:7 in English
2 Kings 5:7 · Berean Standard Bible
When the king of Israel read the letter, he tore his clothes and asked, “Am I God, killing and giving life, that this man expects me to cure a leper? Surely you can see that he is seeking a quarrel with me!”
Context
5Ɔhene* no ka kyerɛɛ no sɛ, “Kɔ, na kɔsra odiyifoɔ no. Mɛtwerɛ krataa aka wo ho, na wode akɔma Israelhene.” Enti, Naaman hyɛɛ nʼakwantuo no ase. Ɔfaa dwetɛ akyɛdeɛ kilogram ahasa aduanan (340), sikakɔkɔɔ kilogram aduosia nkron ne ntadeɛ mmɔho edu. 6Krataa a ɔde rekɔma Israelhene no mu asɛm ne sɛ, “Menam krataa yi so reda me ɔsomfoɔ Naaman adi, akyerɛ wo. Mepɛ sɛ wosa no yadeɛ ma ne kwata no firi ne honam ani.” 7Ɛberɛ a Israelhene kenkan krataa no, ɔde ahometeɛ sunsuanee nʼatadeɛ mu, kaa sɛ, “Saa ɔbarima yi asoma ɔkwatani aba me nkyɛn, sɛ mensa no yadeɛ! Meyɛ Onyankopɔn a metumi kum, sane ma nkwa? Ɔrepɛ ɛkwan bi afa so, anya nnyinasoɔ bi, na wabɛto ahyɛ yɛn so bio.” 8Ɛberɛ a Elisa, Onyankopɔn onipa, tee ɔhene no nsɛnkaeɛ no, ɔtoo nkra kɔmaa no sɛ, “Adɛn enti na woasunsuane wo ntadeɛ mu saa? Soma Naaman na ɔmmra me nkyɛn na ɔbɛhunu sɛ, odiyifoɔ papa bi wɔ Israel.” 9Enti, Naaman faa nʼapɔnkɔ ne ne nteaseɛnam, kɔtwɛn wɔ Elisa fie ɛpono ano.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.