2 Ahemfo 5:8
2 Kings 5:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛberɛ a Elisa, Onyankopɔn onipa, tee ɔhene no nsɛnkaeɛ no, ɔtoo nkra kɔmaa no sɛ, “Adɛn enti na woasunsuane wo ntadeɛ mu saa? Soma Naaman na ɔmmra me nkyɛn na ɔbɛhunu sɛ, odiyifoɔ papa bi wɔ Israel.”
2 Kings 5:8 in English
2 Kings 5:8 · Berean Standard Bible
Now when Elisha the man of God heard that the king of Israel had torn his clothes, he sent a message to the king: “Why have you torn your clothes? Please let the man come to me, and he will know that there is a prophet in Israel.”
Context
6Krataa a ɔde rekɔma Israelhene no mu asɛm ne sɛ, “Menam krataa yi so reda me ɔsomfoɔ Naaman adi, akyerɛ wo. Mepɛ sɛ wosa no yadeɛ ma ne kwata no firi ne honam ani.” 7Ɛberɛ a Israelhene kenkan krataa no, ɔde ahometeɛ sunsuanee nʼatadeɛ mu, kaa sɛ, “Saa ɔbarima yi asoma ɔkwatani aba me nkyɛn, sɛ mensa no yadeɛ! Meyɛ Onyankopɔn a metumi kum, sane ma nkwa? Ɔrepɛ ɛkwan bi afa so, anya nnyinasoɔ bi, na wabɛto ahyɛ yɛn so bio.” 8Ɛberɛ a Elisa, Onyankopɔn onipa, tee ɔhene no nsɛnkaeɛ no, ɔtoo nkra kɔmaa no sɛ, “Adɛn enti na woasunsuane wo ntadeɛ mu saa? Soma Naaman na ɔmmra me nkyɛn na ɔbɛhunu sɛ, odiyifoɔ papa bi wɔ Israel.” 9Enti, Naaman faa nʼapɔnkɔ ne ne nteaseɛnam, kɔtwɛn wɔ Elisa fie ɛpono ano. 10Na Elisa somaa ɔbɔfoɔ kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Kɔhohoro wo ho mprɛnson wɔ Asubɔnten Yordan mu, na wo honam bɛba mu, ama wo kwata no akɔ.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.