2 Ahemfo 5:9
2 Kings 5:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Enti, Naaman faa nʼapɔnkɔ ne ne nteaseɛnam, kɔtwɛn wɔ Elisa fie ɛpono ano.
2 Kings 5:9 in English
2 Kings 5:9 · Berean Standard Bible
So Naaman came with his horses and chariots and stood at the door of Elisha’s house.
Context
7Ɛberɛ a Israelhene kenkan krataa no, ɔde ahometeɛ sunsuanee nʼatadeɛ mu, kaa sɛ, “Saa ɔbarima yi asoma ɔkwatani aba me nkyɛn, sɛ mensa no yadeɛ! Meyɛ Onyankopɔn a metumi kum, sane ma nkwa? Ɔrepɛ ɛkwan bi afa so, anya nnyinasoɔ bi, na wabɛto ahyɛ yɛn so bio.” 8Ɛberɛ a Elisa, Onyankopɔn onipa, tee ɔhene no nsɛnkaeɛ no, ɔtoo nkra kɔmaa no sɛ, “Adɛn enti na woasunsuane wo ntadeɛ mu saa? Soma Naaman na ɔmmra me nkyɛn na ɔbɛhunu sɛ, odiyifoɔ papa bi wɔ Israel.” 9Enti, Naaman faa nʼapɔnkɔ ne ne nteaseɛnam, kɔtwɛn wɔ Elisa fie ɛpono ano. 10Na Elisa somaa ɔbɔfoɔ kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Kɔhohoro wo ho mprɛnson wɔ Asubɔnten Yordan mu, na wo honam bɛba mu, ama wo kwata no akɔ.” 11Na Naaman bo fuiɛ, na ɔsii ɛkwan so. Ɔkaa sɛ, “Na menim sɛ, deɛ ɛbɛyɛ biara no, ɔbɛba abɛhyia me! Na menim sɛ ebia, ɔde ne nsa bɛfa kwata no so, na wabɔ Awurade a, ɔyɛ ne Onyankopɔn no din, nam so asa me yadeɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.