2 Ahemfo 5:19
2 Kings 5:19 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Elisa kaa sɛ, “Kɔ asomdwoeɛ mu.” Enti, Naaman sane sii ɛkwan so.
2 Kings 5:19 in English
2 Kings 5:19 · Berean Standard Bible
“Go in peace,” said Elisha. But after Naaman had traveled a short distance,
Context
17Afei, Naaman kaa sɛ, “Ɛyɛ, ɛnneɛ, ma me ɛkwan na memfa ɛha dɔteɛ atifi mmienu nsoa me mfunumpɔnkɔ mmienu, na memfa nka me ho nkɔ me kurom. Ɛfiri ɛnnɛ, Awurade akyi no, meremmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ anaa afɔdeɛ biara mma onyame bi bio. 18Na mesrɛ sɛ, Awurade mfa saa bɔne yi nkyɛ me. Sɛ me wura ɔhene rekɔ Rimon abosomfie akɔsom, na mesosɔ ne mu a, me nso mɛkoto enti, Awurade mfa nkyɛ me.” 19Elisa kaa sɛ, “Kɔ asomdwoeɛ mu.” Enti, Naaman sane sii ɛkwan so. 20Nanso, Elisa ɔsomfoɔ Gehasi kaa wɔ ne tirim sɛ, “Anka ɛnsɛ sɛ me wura ma Aramni yi kɔ a wannye akyɛdeɛ yi. Mmerɛ dodoɔ a Awurade te ase yi, mɛti no, na makɔgye biribi afiri ne nkyɛn.” 21Enti, Gehasi tii no. Ɛberɛ a Naaman hunuu no sɛ ɔde mmirika reba ne so no, ɔsi firii ne teaseɛnam mu kɔhyiaa no. Naaman bisaa no sɛ, “Wobaa no asomdwoeɛ mu anaa?”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.