2 Ahemfo 5:21
2 Kings 5:21 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Enti, Gehasi tii no. Ɛberɛ a Naaman hunuu no sɛ ɔde mmirika reba ne so no, ɔsi firii ne teaseɛnam mu kɔhyiaa no. Naaman bisaa no sɛ, “Wobaa no asomdwoeɛ mu anaa?”
2 Kings 5:21 in English
2 Kings 5:21 · Berean Standard Bible
So Gehazi pursued Naaman. And when Naaman saw him running toward him, he got down from the chariot to meet him and asked, “Is everything all right?”
Context
19Elisa kaa sɛ, “Kɔ asomdwoeɛ mu.” Enti, Naaman sane sii ɛkwan so. 20Nanso, Elisa ɔsomfoɔ Gehasi kaa wɔ ne tirim sɛ, “Anka ɛnsɛ sɛ me wura ma Aramni yi kɔ a wannye akyɛdeɛ yi. Mmerɛ dodoɔ a Awurade te ase yi, mɛti no, na makɔgye biribi afiri ne nkyɛn.” 21Enti, Gehasi tii no. Ɛberɛ a Naaman hunuu no sɛ ɔde mmirika reba ne so no, ɔsi firii ne teaseɛnam mu kɔhyiaa no. Naaman bisaa no sɛ, “Wobaa no asomdwoeɛ mu anaa?” 22Gehasi buaa sɛ, “Aane, nanso me wura asoma me sɛ memmɛka nkyerɛ wo sɛ, mmabunu baanu bi a wɔyɛ adiyifoɔ a wɔfiri Efraim kuro a ɛda bepɔ so no mu abɛduru seesei ara. Ɔse ɔrepɛ dwetɛ kilogram aduasa ɛnan ne ntadeɛ nsakyeramu mmienu de ama wɔn.” 23Naaman kaa sɛ, “Ɛnyɛ asɛm a ɛyɛ den, gye dwetɛ kilogram aduasa ɛnan yi.” Ɔmaa no ntadeɛ nsakyeramu mmienu, kyekyeree sika no wɔ nkotokuo mmienu mu, yii asomfoɔ baanu soaa akyɛdeɛ no, maa Gehasi.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.