Native Bible

2 Kings 5:17 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Afei, Naaman kaa sɛ, “Ɛyɛ, ɛnneɛ, ma me ɛkwan na memfa ɛha dɔteɛ atifi mmienu nsoa me mfunumpɔnkɔ mmienu, na memfa nka me ho nkɔ me kurom. Ɛfiri ɛnnɛ, Awurade akyi no, meremmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ anaa afɔdeɛ biara mma onyame bi bio.

2 Kings 5:17 in English

2 Kings 5:17 · Berean Standard Bible

“If you will not,” said Naaman, “please let me, your servant, be given as much soil as a pair of mules can carry. For your servant will never again make a burnt offering or a sacrifice to any other god but the LORD.

Context

15Naaman ne ne dɔm no sane kɔeɛ, kɔhwehwɛɛ Onyankopɔn onipa no akyiri kwan. Wɔkɔgyinaa nʼanim, maa Naaman kaa sɛ, “Afei na mahunu sɛ Onyankopɔn nni ewiase ha baabiara sɛ Israel nko ara. Afei, mesrɛ wo sɛ, gye mʼakyɛdeɛ yi.” 16Nanso, Elisa buaa sɛ, “Mmerɛ dodoɔ a Awurade a mesom no te ase yi, merennye akyɛdeɛ biara.” Ɛwom sɛ Naaman hyɛɛ no biara sɛ ɔnnye akyɛdeɛ no, nanso Elisa annye. 17Afei, Naaman kaa sɛ, “Ɛyɛ, ɛnneɛ, ma me ɛkwan na memfa ɛha dɔteɛ atifi mmienu nsoa me mfunumpɔnkɔ mmienu, na memfa nka me ho nkɔ me kurom. Ɛfiri ɛnnɛ, Awurade akyi no, meremmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ anaa afɔdeɛ biara mma onyame bi bio. 18Na mesrɛ sɛ, Awurade mfa saa bɔne yi nkyɛ me. Sɛ me wura ɔhene rekɔ Rimon abosomfie akɔsom, na mesosɔ ne mu a, me nso mɛkoto enti, Awurade mfa nkyɛ me.” 19Elisa kaa sɛ, “Kɔ asomdwoeɛ mu.” Enti, Naaman sane sii ɛkwan so.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.