Native Bible

2 Kings 5:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Naaman ne ne dɔm no sane kɔeɛ, kɔhwehwɛɛ Onyankopɔn onipa no akyiri kwan. Wɔkɔgyinaa nʼanim, maa Naaman kaa sɛ, “Afei na mahunu sɛ Onyankopɔn nni ewiase ha baabiara sɛ Israel nko ara. Afei, mesrɛ wo sɛ, gye mʼakyɛdeɛ yi.”

2 Kings 5:15 in English

2 Kings 5:15 · Berean Standard Bible

Then Naaman and all his attendants went back to the man of God, stood before him, and declared, “Now I know for sure that there is no God in all the earth except in Israel. So please accept a gift from your servant.”

Context

13Nanso, ne mpanimfoɔ bɔɔ mmɔden kasa kyerɛɛ no sɛ, “Owura, sɛ odiyifoɔ no kaa sɛ yɛ adwuma kɛseɛ bi a, anka worenyɛ anaa? Ɛno enti, tie asɛm a waka sɛ kɔhohoro wo ho kɛkɛ, na wo ho bɛtɔ wo no, na di so.” 14Enti, Naaman kɔɔ Asubɔnten Yordan mu, kɔdɔɔ asukɔ mprɛnson, sɛdeɛ Onyankopɔn onipa no hyɛɛ no sɛ ɔnyɛ no. Ne honam ani daa hɔ te sɛ abɔfra, maa ne kwata no nyinaa kɔeɛ. 15Naaman ne ne dɔm no sane kɔeɛ, kɔhwehwɛɛ Onyankopɔn onipa no akyiri kwan. Wɔkɔgyinaa nʼanim, maa Naaman kaa sɛ, “Afei na mahunu sɛ Onyankopɔn nni ewiase ha baabiara sɛ Israel nko ara. Afei, mesrɛ wo sɛ, gye mʼakyɛdeɛ yi.” 16Nanso, Elisa buaa sɛ, “Mmerɛ dodoɔ a Awurade a mesom no te ase yi, merennye akyɛdeɛ biara.” Ɛwom sɛ Naaman hyɛɛ no biara sɛ ɔnnye akyɛdeɛ no, nanso Elisa annye. 17Afei, Naaman kaa sɛ, “Ɛyɛ, ɛnneɛ, ma me ɛkwan na memfa ɛha dɔteɛ atifi mmienu nsoa me mfunumpɔnkɔ mmienu, na memfa nka me ho nkɔ me kurom. Ɛfiri ɛnnɛ, Awurade akyi no, meremmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ anaa afɔdeɛ biara mma onyame bi bio.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.