2 Ahemfo 5:14
2 Kings 5:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Enti, Naaman kɔɔ Asubɔnten Yordan mu, kɔdɔɔ asukɔ mprɛnson, sɛdeɛ Onyankopɔn onipa no hyɛɛ no sɛ ɔnyɛ no. Ne honam ani daa hɔ te sɛ abɔfra, maa ne kwata no nyinaa kɔeɛ.
2 Kings 5:14 in English
2 Kings 5:14 · Berean Standard Bible
So Naaman went down and dipped himself in the Jordan seven times, according to the word of the man of God, and his flesh was restored and became like that of a little child, and he was clean.
Context
12Nsubɔntene Abana ne Parpar a ɛwɔ Damasko nsene nsubɔntene a ɛwɔ Israel nyinaa? Adɛn enti na menkɔhohoro me ho wɔ mu, na mennya ayaresa?” Enti, Naaman danee ne ho de abufuo sii mu. 13Nanso, ne mpanimfoɔ bɔɔ mmɔden kasa kyerɛɛ no sɛ, “Owura, sɛ odiyifoɔ no kaa sɛ yɛ adwuma kɛseɛ bi a, anka worenyɛ anaa? Ɛno enti, tie asɛm a waka sɛ kɔhohoro wo ho kɛkɛ, na wo ho bɛtɔ wo no, na di so.” 14Enti, Naaman kɔɔ Asubɔnten Yordan mu, kɔdɔɔ asukɔ mprɛnson, sɛdeɛ Onyankopɔn onipa no hyɛɛ no sɛ ɔnyɛ no. Ne honam ani daa hɔ te sɛ abɔfra, maa ne kwata no nyinaa kɔeɛ. 15Naaman ne ne dɔm no sane kɔeɛ, kɔhwehwɛɛ Onyankopɔn onipa no akyiri kwan. Wɔkɔgyinaa nʼanim, maa Naaman kaa sɛ, “Afei na mahunu sɛ Onyankopɔn nni ewiase ha baabiara sɛ Israel nko ara. Afei, mesrɛ wo sɛ, gye mʼakyɛdeɛ yi.” 16Nanso, Elisa buaa sɛ, “Mmerɛ dodoɔ a Awurade a mesom no te ase yi, merennye akyɛdeɛ biara.” Ɛwom sɛ Naaman hyɛɛ no biara sɛ ɔnnye akyɛdeɛ no, nanso Elisa annye.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.