2 Ahemfo 5:16
2 Kings 5:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nanso, Elisa buaa sɛ, “Mmerɛ dodoɔ a Awurade a mesom no te ase yi, merennye akyɛdeɛ biara.” Ɛwom sɛ Naaman hyɛɛ no biara sɛ ɔnnye akyɛdeɛ no, nanso Elisa annye.
2 Kings 5:16 in English
2 Kings 5:16 · Berean Standard Bible
But Elisha replied, “As surely as the LORD lives, before whom I stand, I will not accept it.” And although Naaman urged him to accept it, he refused.
Context
14Enti, Naaman kɔɔ Asubɔnten Yordan mu, kɔdɔɔ asukɔ mprɛnson, sɛdeɛ Onyankopɔn onipa no hyɛɛ no sɛ ɔnyɛ no. Ne honam ani daa hɔ te sɛ abɔfra, maa ne kwata no nyinaa kɔeɛ. 15Naaman ne ne dɔm no sane kɔeɛ, kɔhwehwɛɛ Onyankopɔn onipa no akyiri kwan. Wɔkɔgyinaa nʼanim, maa Naaman kaa sɛ, “Afei na mahunu sɛ Onyankopɔn nni ewiase ha baabiara sɛ Israel nko ara. Afei, mesrɛ wo sɛ, gye mʼakyɛdeɛ yi.” 16Nanso, Elisa buaa sɛ, “Mmerɛ dodoɔ a Awurade a mesom no te ase yi, merennye akyɛdeɛ biara.” Ɛwom sɛ Naaman hyɛɛ no biara sɛ ɔnnye akyɛdeɛ no, nanso Elisa annye. 17Afei, Naaman kaa sɛ, “Ɛyɛ, ɛnneɛ, ma me ɛkwan na memfa ɛha dɔteɛ atifi mmienu nsoa me mfunumpɔnkɔ mmienu, na memfa nka me ho nkɔ me kurom. Ɛfiri ɛnnɛ, Awurade akyi no, meremmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ anaa afɔdeɛ biara mma onyame bi bio. 18Na mesrɛ sɛ, Awurade mfa saa bɔne yi nkyɛ me. Sɛ me wura ɔhene rekɔ Rimon abosomfie akɔsom, na mesosɔ ne mu a, me nso mɛkoto enti, Awurade mfa nkyɛ me.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.