Native Bible

2 Kings 3:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Na Yehosafat bisaa sɛ, “Ɛkwan bɛn na yɛbɛfa so akɔ?” Yoram buaa sɛ, “Yɛbɛtoa wɔn afiri Edom* ɛserɛ so.”

2 Kings 3:8 in English

2 Kings 3:8 · Berean Standard Bible

Then he asked, “Which way shall we go up?” “By way of the Desert of Edom,” replied Joram.

Context

6Enti, ɔhene Yoram firii Samaria boaboaa Israel akodɔm ano. 7Ɛkwan so no, ɔtoo nkra yi kɔmaa Yudahene Yehosafat sɛ, “Moabhene asɔre atia me. Wobɛboa me na me ne no ako anaa?” Na Yehosafat buaa sɛ, “Adɛn enti na meremmoa wo. Wo ne me yɛ anuanom, na mʼakodɔm yɛ wo dea na wotumi di wɔn anim. Mpo mʼapɔnkɔ da wo da.” 8Na Yehosafat bisaa sɛ, “Ɛkwan bɛn na yɛbɛfa so akɔ?” Yoram buaa sɛ, “Yɛbɛtoa wɔn afiri Edom* ɛserɛ so.” 9Edomhene* ne nʼakodɔm kɔkaa wɔn ho, na asraadɔm mmiɛnsa no de nnanson twaa ntwahokwan a ɛfa ɛserɛ so no. Nanso, na nsuo nni hɔ ma mmarima no anaa wɔn mmoa. 10Israelhene teaam bisaa sɛ, “Yɛnyɛ yɛn ho ɛdeɛn? Awurade de yɛn baasa aba ha sɛ Moabhene nni yɛn so.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.