Native Bible

2 Kings 3:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Enti, ɔhene Yoram firii Samaria boaboaa Israel akodɔm ano.

2 Kings 3:6 in English

2 Kings 3:6 · Berean Standard Bible

So at that time King Jehoram set out from Samaria and mobilized all Israel.

Context

4Na Moabhene Mesa ne ne nkurɔfoɔ yɛn nnwan. Na wɔtua apeatoɔ a ɛyɛ nnwan mma ɔpeha ne nnwennini ɔpeha ho nwi ma Israelhene afe biara. 5Nanso, Ahab wuo akyi no, Moabhene sɔre tiaa Israelhene. 6Enti, ɔhene Yoram firii Samaria boaboaa Israel akodɔm ano. 7Ɛkwan so no, ɔtoo nkra yi kɔmaa Yudahene Yehosafat sɛ, “Moabhene asɔre atia me. Wobɛboa me na me ne no ako anaa?” Na Yehosafat buaa sɛ, “Adɛn enti na meremmoa wo. Wo ne me yɛ anuanom, na mʼakodɔm yɛ wo dea na wotumi di wɔn anim. Mpo mʼapɔnkɔ da wo da.” 8Na Yehosafat bisaa sɛ, “Ɛkwan bɛn na yɛbɛfa so akɔ?” Yoram buaa sɛ, “Yɛbɛtoa wɔn afiri Edom* ɛserɛ so.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.