Native Bible

2 Kings 3:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Nanso, Ahab wuo akyi no, Moabhene sɔre tiaa Israelhene.

2 Kings 3:5 in English

2 Kings 3:5 · Berean Standard Bible

But after the death of Ahab, the king of Moab rebelled against the king of Israel.

Context

3Nanso ɔtoaa ahonisom so, sɛdeɛ Nebat babarima Yeroboam dii Israelfoɔ anim, ma wɔyɛɛ no. 4Na Moabhene Mesa ne ne nkurɔfoɔ yɛn nnwan. Na wɔtua apeatoɔ a ɛyɛ nnwan mma ɔpeha ne nnwennini ɔpeha ho nwi ma Israelhene afe biara. 5Nanso, Ahab wuo akyi no, Moabhene sɔre tiaa Israelhene. 6Enti, ɔhene Yoram firii Samaria boaboaa Israel akodɔm ano. 7Ɛkwan so no, ɔtoo nkra yi kɔmaa Yudahene Yehosafat sɛ, “Moabhene asɔre atia me. Wobɛboa me na me ne no ako anaa?” Na Yehosafat buaa sɛ, “Adɛn enti na meremmoa wo. Wo ne me yɛ anuanom, na mʼakodɔm yɛ wo dea na wotumi di wɔn anim. Mpo mʼapɔnkɔ da wo da.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.