2 Ahemfo 19:31
2 Kings 19:31 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na nkaeɛfoɔ bi bɛfiri Yerusalem aba, na nkaeɛfoɔ dɔm afiri Bepɔ Sion so. Asafo Awurade di nsiyɛ bɛhwɛ ama yei aba mu.
2 Kings 19:31 in English
2 Kings 19:31 · Berean Standard Bible
For a remnant will go forth from Jerusalem, and survivors from Mount Zion. The zeal of the LORD of Hosts * will accomplish this.
Context
29“Yei na ɛbɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ama woɔ, Ao Hesekia:
“Saa afe yi wobɛdi deɛ ɛno ankasa fifirie,
afe a ɛtɔ so mmienu no, wobɛdi deɛ ɛfiri mu ba.
Na afe a ɛtɔ so mmiɛnsa so no, mobɛdua mfudeɛ, na moatwa.
Mobɛyɛ bobe nturo, na moadi nʼaba no. 30Na mo a moaka Yuda a moatumi agyina ntua no mu ɔhaw ne abɛbrɛsɛ no ano no,
mobɛsane atena mo asase so, na mobɛdi yie na moadɔre. 31Na nkaeɛfoɔ bi bɛfiri Yerusalem aba,
na nkaeɛfoɔ dɔm afiri Bepɔ Sion so.
Asafo Awurade di nsiyɛ bɛhwɛ ama yei aba mu. 32“Yei ne asɛm a Awurade ka fa Asiriahene ho:
“Ɔrenhyɛne saa kuropɔn yi mu
na ɔrento bɛmma wɔ ha.
Ɔremfa akokyɛm mmɛnnyina kuropɔn no akyi
na ɔrensi otua pie ntia no. 33Ɔhene no kwan a ɔfaa so baeɛ no ara so na ɔbɛsane afa akɔ nʼankasa ɔman mu.
Awurade ka sɛ,
ɔrenwura saa kuro yi mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.