2 Ahemfo 19:33
2 Kings 19:33 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɔhene no kwan a ɔfaa so baeɛ no ara so na ɔbɛsane afa akɔ nʼankasa ɔman mu. Awurade ka sɛ, ɔrenwura saa kuro yi mu.
2 Kings 19:33 in English
2 Kings 19:33 · Berean Standard Bible
He will go back the way he came, and he will not enter this city,’ declares the LORD.
Context
31Na nkaeɛfoɔ bi bɛfiri Yerusalem aba,
na nkaeɛfoɔ dɔm afiri Bepɔ Sion so.
Asafo Awurade di nsiyɛ bɛhwɛ ama yei aba mu. 32“Yei ne asɛm a Awurade ka fa Asiriahene ho:
“Ɔrenhyɛne saa kuropɔn yi mu
na ɔrento bɛmma wɔ ha.
Ɔremfa akokyɛm mmɛnnyina kuropɔn no akyi
na ɔrensi otua pie ntia no. 33Ɔhene no kwan a ɔfaa so baeɛ no ara so na ɔbɛsane afa akɔ nʼankasa ɔman mu.
Awurade ka sɛ,
ɔrenwura saa kuro yi mu. 34Esiane mʼankasa mʼanimuonyam ne mʼakoa Dawid enti,
mɛbɔ ho ban.” 35Saa anadwo no, Awurade ɔbɔfoɔ kɔɔ Asiria sraban mu, kɔkumm Asiria akodɔm no mpem ɔha aduɔwɔtwe enum. Asiriafoɔ a wɔkaeɛ no nyanee anɔpa no, wɔhunuu sɛ afunu gugu mmɔntene so baabiara.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.