2 Ahemfo 19:27
2 Kings 19:27 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“ ‘Nanso, menim deɛ woteɛ ɛberɛ a woba ne ɛberɛ a wokorɔ ne sɛdeɛ wo bo huru tia me.
2 Kings 19:27 in English
2 Kings 19:27 · Berean Standard Bible
But I know your sitting down, your going out and coming in, and your raging against Me.
Context
25“ ‘Na Monteeɛ?
Ɛberɛ tentene a atwam na mehyɛ too hɔ.
Ɛberɛ bi a atwam no na medwenee ho;
afei mama aba mu sɛ,
moadane nkuropɔn a mosɛe nkuro a wɔwɔ banbɔ
ma wɔdane aboɔ asie. 26Wɔn nkurɔfoɔ a tumi afiri wɔn nsa no
ho adwiri wɔn na animguaseɛ aka wɔn.
Wɔte sɛ afuo so nnua,
ne afifideɛ foforɔ a ɛyɛ mmrɛ;
wɔte sɛ ɛserɛ a ɛfifiri ɛdan atifi
a owia tumi hye so sɛe no. 27“ ‘Nanso, menim deɛ woteɛ
ɛberɛ a woba ne ɛberɛ a wokorɔ
ne sɛdeɛ wo bo huru tia me. 28Na ɛsiane mo ahomasoɔ a ɛtia me,
na mʼankasa mate no enti,
mede me darewa bɛsɔ mo hwene mu,
na mede nnareka ato mo ano,
na mama mo afa ɛkwan
a mofaa so baeɛ no so, asane mo akyi.’ 29“Yei na ɛbɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ama woɔ, Ao Hesekia:
“Saa afe yi wobɛdi deɛ ɛno ankasa fifirie,
afe a ɛtɔ so mmienu no, wobɛdi deɛ ɛfiri mu ba.
Na afe a ɛtɔ so mmiɛnsa so no, mobɛdua mfudeɛ, na moatwa.
Mobɛyɛ bobe nturo, na moadi nʼaba no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.