2 Ahemfo 19:25
2 Kings 19:25 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“ ‘Na Monteeɛ? Ɛberɛ tentene a atwam na mehyɛ too hɔ. Ɛberɛ bi a atwam no na medwenee ho; afei mama aba mu sɛ, moadane nkuropɔn a mosɛe nkuro a wɔwɔ banbɔ ma wɔdane aboɔ asie.
2 Kings 19:25 in English
2 Kings 19:25 · Berean Standard Bible
Have you not heard? Long ago I ordained it; in days of old I planned it. Now I have brought it to pass, that you should crush fortified cities into piles of rubble.
Context
23Wonam wʼasomafoɔ so
adi Awurade ho fɛw.
Na woaka sɛ,
“Mede me nteaseɛnam bebrebe no
adi bepɔ tentene pa ara so,
aane, Lebanon nkokoɔ a ɛwɔ akyirikyiri no.
Matwitwa ntweneduro atentene pa ara
ne ne pepeaa a ɛdi mu no nso agu fam.
Maduru ne twetwɛwa so akyirikyiri
na manantenante ne kwaeɛbirentuo mu. 24Matutu nsubura wɔ ahɔhoɔ nsase bebree so
de ne nsu pa no adwodwo me ho.
Mpo, mepaee Misraim nsubɔntene mu
sɛdeɛ mʼakodɔm bɛtumi atwa!” 25“ ‘Na Monteeɛ?
Ɛberɛ tentene a atwam na mehyɛ too hɔ.
Ɛberɛ bi a atwam no na medwenee ho;
afei mama aba mu sɛ,
moadane nkuropɔn a mosɛe nkuro a wɔwɔ banbɔ
ma wɔdane aboɔ asie. 26Wɔn nkurɔfoɔ a tumi afiri wɔn nsa no
ho adwiri wɔn na animguaseɛ aka wɔn.
Wɔte sɛ afuo so nnua,
ne afifideɛ foforɔ a ɛyɛ mmrɛ;
wɔte sɛ ɛserɛ a ɛfifiri ɛdan atifi
a owia tumi hye so sɛe no. 27“ ‘Nanso, menim deɛ woteɛ
ɛberɛ a woba ne ɛberɛ a wokorɔ
ne sɛdeɛ wo bo huru tia me.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.