2 Ahemfo 15:33
2 Kings 15:33 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɔdii adeɛ no, na wadi mfirinhyia aduonu enum, na ɔdii Yerusalem so ɔhene mfeɛ dunsia. Na ne maame a ɔyɛ Sadok babaa no din de Yerusa.
2 Kings 15:33 in English
2 Kings 15:33 · Berean Standard Bible
He was twenty-five years old when he became king, and he reigned in Jerusalem sixteen years. His mother’s name was Jerusha * daughter of Zadok.
Context
31Peka adedie mu nsɛm nkaeɛ ne dwuma a ɔdiiɛ nyinaa, wɔatwerɛ agu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu. 32Usia babarima Yotam dii ɔhene wɔ Yuda ɛberɛ a na ɔhene Peka adi adeɛ wɔ Israel mfirinhyia mmienu. 33Ɔdii adeɛ no, na wadi mfirinhyia aduonu enum, na ɔdii Yerusalem so ɔhene mfeɛ dunsia. Na ne maame a ɔyɛ Sadok babaa no din de Yerusa. 34Yotam yɛɛ deɛ ɛsɔ Awurade ani, sɛdeɛ nʼagya Usia yɛeɛ no ara pɛ. 35Nanso, wansɛe abosonnan a na nnipa no bɔ afɔdeɛ hye nnuhwam wɔ hɔ no. Ɔno ne obi a ɔsane sii Awurade Asɔredan no atifi ɛpono.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.