Native Bible

2 Kings 15:32 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Usia babarima Yotam dii ɔhene wɔ Yuda ɛberɛ a na ɔhene Peka adi adeɛ wɔ Israel mfirinhyia mmienu.

2 Kings 15:32 in English

2 Kings 15:32 · Berean Standard Bible

In the second year of the reign of Pekah son of Remaliah over Israel, Jotham son of Uzziah became king of Judah.

Context

30Na Ela babarima Hosea bɔɔ pɔ tiaa Peka, na ɔkumm no. Ɔhyɛɛ aseɛ dii Israel so ɔhene ɛberɛ a na Usia babarima Yotam nso adi adeɛ mfeɛ aduonu wɔ Yuda. 31Peka adedie mu nsɛm nkaeɛ ne dwuma a ɔdiiɛ nyinaa, wɔatwerɛ agu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu. 32Usia babarima Yotam dii ɔhene wɔ Yuda ɛberɛ a na ɔhene Peka adi adeɛ wɔ Israel mfirinhyia mmienu. 33Ɔdii adeɛ no, na wadi mfirinhyia aduonu enum, na ɔdii Yerusalem so ɔhene mfeɛ dunsia. Na ne maame a ɔyɛ Sadok babaa no din de Yerusa. 34Yotam yɛɛ deɛ ɛsɔ Awurade ani, sɛdeɛ nʼagya Usia yɛeɛ no ara pɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.