2 Berɛsosɛm 29:11
2 Chronicles 29:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mʼadɔfonom Lewifoɔ, monnnyae mo nnwuma mu bio. Awurade ayi mo sɛ monnyina nʼanim nsom no, na monni ɔmanfoɔ anim nsom no, mmɔ afɔdeɛ mma no.”
2 Chronicles 29:11 in English
2 Chronicles 29:11 · Berean Standard Bible
Now, my sons, do not be negligent, for the LORD has chosen you to stand before Him, to serve Him, to minister before Him, and to burn incense.”
Context
9Wɔakunkum yɛn agyanom wɔ ɔko mu, na wɔakyekyere yɛn mmammarima, yɛn mmammaa ne yɛn yerenom sɛ nneduafoɔ. 10Nanso, seesei, me ne Awurade, Israel Onyankopɔn bɛyɛ apam sɛdeɛ nʼabufuhyeɛ no bɛfiri yɛn so. 11Mʼadɔfonom Lewifoɔ, monnnyae mo nnwuma mu bio. Awurade ayi mo sɛ monnyina nʼanim nsom no, na monni ɔmanfoɔ anim nsom no, mmɔ afɔdeɛ mma no.” 12Afei saa Lewifoɔ yi hyɛɛ dwumadie no ase.
Wɔn a wɔfiri Kohat abusua mu no ne:
Amasai babarima Mahat ne Asaria babarima Yoɛl.
Wɔn a wɔfiri Merari abusua mu no ne:
Abdi babarima Kis ne Yehalelel babarima Asaria.
Wɔn a wɔfiri Gerson abusua mu ne:
Sima babarima Yoa ne Yoa babarima Eden; 13Wɔn a wɔfiri Elisafan abusua mu ne:
Simri ne Yeiel.
Wɔn a wɔfiri Asaf abusua mu ne:
Sakaria ne Matania.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.