Native Bible

2 Chronicles 29:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Nanso, seesei, me ne Awurade, Israel Onyankopɔn bɛyɛ apam sɛdeɛ nʼabufuhyeɛ no bɛfiri yɛn so.

2 Chronicles 29:10 in English

2 Chronicles 29:10 · Berean Standard Bible

Now it is in my heart to make a covenant with the LORD, the God of Israel, so that His fierce anger will turn away from us.

Context

8Ɛno enti na Awurade abufuo aba Yuda ne Yerusalem so no. Wama yɛadane ahufoɔ, ayamhyehyefoɔ ne aseredeɛ, sɛdeɛ mohunu no pefee no. 9Wɔakunkum yɛn agyanom wɔ ɔko mu, na wɔakyekyere yɛn mmammarima, yɛn mmammaa ne yɛn yerenom sɛ nneduafoɔ. 10Nanso, seesei, me ne Awurade, Israel Onyankopɔn bɛyɛ apam sɛdeɛ nʼabufuhyeɛ no bɛfiri yɛn so. 11Mʼadɔfonom Lewifoɔ, monnnyae mo nnwuma mu bio. Awurade ayi mo sɛ monnyina nʼanim nsom no, na monni ɔmanfoɔ anim nsom no, mmɔ afɔdeɛ mma no.” 12Afei saa Lewifoɔ yi hyɛɛ dwumadie no ase. Wɔn a wɔfiri Kohat abusua mu no ne: Amasai babarima Mahat ne Asaria babarima Yoɛl. Wɔn a wɔfiri Merari abusua mu no ne: Abdi babarima Kis ne Yehalelel babarima Asaria. Wɔn a wɔfiri Gerson abusua mu ne: Sima babarima Yoa ne Yoa babarima Eden;

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.