Native Bible

2 Chronicles 17:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Onipa a na ɔdi ne so ne Yehohanan a na ɔdi akodɔm ɔpehanu aduɔwɔtwe (280,000) so.

2 Chronicles 17:15 in English

2 Chronicles 17:15 · Berean Standard Bible

next to him, Jehohanan the commander, and with him 280,000;

Context

13Ɔkoraa nneɛma bebree wɔ Yuda nkuro mu, na ɔmaa akodɔm a wɔyɛ den tenaa Yerusalem. 14Wɔgyinaa agyanom mmusuakuo so gyee asraafoɔ. Yuda abusua mu, na akodɔm no dodoɔ yɛ ɔpehasa (300,000) a wɔakyekyɛ wɔn mu akuakuo apem (1,000). Adna na na ɔyɛ wɔn sahene. 15Onipa a na ɔdi ne so ne Yehohanan a na ɔdi akodɔm ɔpehanu aduɔwɔtwe (280,000) so. 16Deɛ ɔdi hɔ ne Sikri babarima Amasia, a ɔde ne ho bɔɔ afɔdeɛ maa Awurade adwuma a na ɔdi akodɔm ɔpehanu (200,000) so sahene. 17Benyamin abusua akodɔm no, na wɔn dodoɔ yɛ ɔpehanu (200,000) a wɔwɔ agyan ne akokyɛm. Na wɔn sahene ne Eliada, ɔsraani a wadi ako akyɛre.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.