2 Berɛsosɛm 10:19
2 Chronicles 10:19 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Israel mmusuakuo a wɔwɔ atifi fam no ampene so sɛ Dawid aseni biara bɛdi wɔn so ɔhene de bɛsi ɛnnɛ.
2 Chronicles 10:19 in English
2 Chronicles 10:19 · Berean Standard Bible
So to this day Israel has been in rebellion against the house of David.
Context
17Na Rehoboam kɔɔ so dii Israelfoɔ a na wɔtete Yuda nkuro so no so ɔhene. 18Ɔhene Rehoboam somaa Hadoram a na ɔhwɛ nnwumayɛfoɔ so no sɛ ɔnkɔhwɛ mma ɔman no nyɛ dinn, nanso Israelfoɔ no sii no aboɔ, kumm no. Ɛberɛ a ɔhene Rehoboam tee saa asɛm no, ntɛm ara, ɔhuri tenaa ne teaseɛnam mu, dwane kɔɔ Yerusalem. 19Israel mmusuakuo a wɔwɔ atifi fam no ampene so sɛ Dawid aseni biara bɛdi wɔn so ɔhene de bɛsi ɛnnɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.