2 Berɛsosɛm 10:17
2 Chronicles 10:17 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na Rehoboam kɔɔ so dii Israelfoɔ a na wɔtete Yuda nkuro so no so ɔhene.
2 Chronicles 10:17 in English
2 Chronicles 10:17 · Berean Standard Bible
but Rehoboam still reigned over the Israelites living in the cities of Judah.
Context
15Enti, ɔhene no antie nnipa no adesrɛ. Sɛdeɛ nneɛma mu daneeɛ no nyinaa firi Awurade, ɛfiri sɛ, ɛmaa asɛm a Awurade nam Ahiya a ɔfiri Silo so ka kyerɛɛ Nebat babarima Yeroboam no baa mu. 16Ɛberɛ a Israel hunuu sɛ ɔhene no anyɛ wɔn abisadeɛ amma wɔn no, wɔteateaam sɛ,
“Dawid ne nʼadedie ntoasoɔ no mfa wɔn ho.
Yɛne Yisai babarima no nni twaka biara.
Israel, momma yɛnkɔ yɛn afie.
Ao Dawid, kɔhwehwɛ wʼankasa wo fie.”
Enti, Israel nyinaa sane kɔɔ efie. 17Na Rehoboam kɔɔ so dii Israelfoɔ a na wɔtete Yuda nkuro so no so ɔhene. 18Ɔhene Rehoboam somaa Hadoram a na ɔhwɛ nnwumayɛfoɔ so no sɛ ɔnkɔhwɛ mma ɔman no nyɛ dinn, nanso Israelfoɔ no sii no aboɔ, kumm no. Ɛberɛ a ɔhene Rehoboam tee saa asɛm no, ntɛm ara, ɔhuri tenaa ne teaseɛnam mu, dwane kɔɔ Yerusalem. 19Israel mmusuakuo a wɔwɔ atifi fam no ampene so sɛ Dawid aseni biara bɛdi wɔn so ɔhene de bɛsi ɛnnɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.