2 Berɛsosɛm 10:16
2 Chronicles 10:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛberɛ a Israel hunuu sɛ ɔhene no anyɛ wɔn abisadeɛ amma wɔn no, wɔteateaam sɛ, “Dawid ne nʼadedie ntoasoɔ no mfa wɔn ho. Yɛne Yisai babarima no nni twaka biara. Israel, momma yɛnkɔ yɛn afie. Ao Dawid, kɔhwehwɛ wʼankasa wo fie.” Enti, Israel nyinaa sane kɔɔ efie.
2 Chronicles 10:16 in English
2 Chronicles 10:16 · Berean Standard Bible
When all Israel saw that the king had refused to listen to them, they answered * the king: “What portion do we have in David, and what inheritance in the son of Jesse? To your tents, O Israel! Look now to your own house, O David!” So all the Israelites went home,
Context
14na ɔfaa mmeranteɛ no afotuo. Ɔka kyerɛɛ nnipa no sɛ, “Na mʼagya ma moyɛ adwumaden, na me deɛ, mɛkyɛn saa! Sɛ mʼagya kaa mo mpire a, me deɛ, mede anyanyankyerɛ na ɛbɛkeka mo!” 15Enti, ɔhene no antie nnipa no adesrɛ. Sɛdeɛ nneɛma mu daneeɛ no nyinaa firi Awurade, ɛfiri sɛ, ɛmaa asɛm a Awurade nam Ahiya a ɔfiri Silo so ka kyerɛɛ Nebat babarima Yeroboam no baa mu. 16Ɛberɛ a Israel hunuu sɛ ɔhene no anyɛ wɔn abisadeɛ amma wɔn no, wɔteateaam sɛ,
“Dawid ne nʼadedie ntoasoɔ no mfa wɔn ho.
Yɛne Yisai babarima no nni twaka biara.
Israel, momma yɛnkɔ yɛn afie.
Ao Dawid, kɔhwehwɛ wʼankasa wo fie.”
Enti, Israel nyinaa sane kɔɔ efie. 17Na Rehoboam kɔɔ so dii Israelfoɔ a na wɔtete Yuda nkuro so no so ɔhene. 18Ɔhene Rehoboam somaa Hadoram a na ɔhwɛ nnwumayɛfoɔ so no sɛ ɔnkɔhwɛ mma ɔman no nyɛ dinn, nanso Israelfoɔ no sii no aboɔ, kumm no. Ɛberɛ a ɔhene Rehoboam tee saa asɛm no, ntɛm ara, ɔhuri tenaa ne teaseɛnam mu, dwane kɔɔ Yerusalem.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.