2 Berɛsosɛm 10:14
2 Chronicles 10:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
na ɔfaa mmeranteɛ no afotuo. Ɔka kyerɛɛ nnipa no sɛ, “Na mʼagya ma moyɛ adwumaden, na me deɛ, mɛkyɛn saa! Sɛ mʼagya kaa mo mpire a, me deɛ, mede anyanyankyerɛ na ɛbɛkeka mo!”
2 Chronicles 10:14 in English
2 Chronicles 10:14 · Berean Standard Bible
and spoke to them as the young men had advised, saying, “Whereas my father made your yoke heavy,* I will add to your yoke. Whereas my father scourged you with whips, I will scourge you with scorpions.”
Context
12Nnansa akyi, Yeroboam ne nnipa no nyinaa sane baa sɛ wɔrebɛtie Rehoboam mmuaeɛ, sɛdeɛ ɔkaeɛ no. 13Na Rehoboam de ahantan kasa kyerɛɛ wɔn. Wamfa mpanimfoɔ no afotuo, 14na ɔfaa mmeranteɛ no afotuo. Ɔka kyerɛɛ nnipa no sɛ, “Na mʼagya ma moyɛ adwumaden, na me deɛ, mɛkyɛn saa! Sɛ mʼagya kaa mo mpire a, me deɛ, mede anyanyankyerɛ na ɛbɛkeka mo!” 15Enti, ɔhene no antie nnipa no adesrɛ. Sɛdeɛ nneɛma mu daneeɛ no nyinaa firi Awurade, ɛfiri sɛ, ɛmaa asɛm a Awurade nam Ahiya a ɔfiri Silo so ka kyerɛɛ Nebat babarima Yeroboam no baa mu. 16Ɛberɛ a Israel hunuu sɛ ɔhene no anyɛ wɔn abisadeɛ amma wɔn no, wɔteateaam sɛ,
“Dawid ne nʼadedie ntoasoɔ no mfa wɔn ho.
Yɛne Yisai babarima no nni twaka biara.
Israel, momma yɛnkɔ yɛn afie.
Ao Dawid, kɔhwehwɛ wʼankasa wo fie.”
Enti, Israel nyinaa sane kɔɔ efie.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.