1 Tesalonikafoɔ 5:25
1 Thessalonians 5:25 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Anuanom, mommɔ mpaeɛ mma yɛn.
1 Thessalonians 5:25 in English
1 Thessalonians 5:25 · Berean Standard Bible
Brothers, pray for us as well.
Context
23Na ɔno asomdwoeɛ Onyankopɔn no ara nte mo ho koraa, na ɔnhwɛ mo honhom ne mo ɔkra ne mo onipadua so a ɛho remma asɛm biara kɔsi sɛ yɛn Awurade Yesu Kristo bɛba. 24Ɔnokwafoɔ ne deɛ ɔfrɛɛ mo no, ɔno nso na ɔbɛyɛ. 25Anuanom, mommɔ mpaeɛ mma yɛn. 26Momfa mfeano kronkron nkyeakyea anuanom nyinaa. 27Mehyɛ mo wɔ Awurade tumi mu sɛ monkenkan saa nwoma yi nkyerɛ anuanom no nyinaa.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.