Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Nanso, na ne mmammarima no nte sɛ wɔn agya. Wɔyɛɛ sikanibereɛ. Wɔgyegyee adanmudeɛ, buu ntɛnkyea.

1 Samuel 8:3 in English

1 Samuel 8:3 · Berean Standard Bible

But his sons did not walk in his ways; they turned aside toward dishonest gain, accepting bribes and perverting justice.

Context

1Samuel bɔɔ akɔkoraa no, ɔyii ne mmammarima sɛ wɔnyɛ Israel atemmufoɔ. 2Nʼabakan no din de Yoɛl ɛnna ne ba a ɔtɔ so mmienu no din de Abiya. Na wɔyɛ atemmufoɔ wɔ Beer-Seba. 3Nanso, na ne mmammarima no nte sɛ wɔn agya. Wɔyɛɛ sikanibereɛ. Wɔgyegyee adanmudeɛ, buu ntɛnkyea. 4Enti, Israel mpanimfoɔ nyinaa hyiaa Samuel wɔ Rama ne no bɛdii saa asɛm yi ho nkɔmmɔ. 5Wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Woabɔ akɔkoraa, na wo mmammarima nso nnante wʼakwan so; enti, si ɔhene na ɔnni yɛn anim sɛdeɛ aman bebree yɛ noɔ no.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.