Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Enti, Israel mpanimfoɔ nyinaa hyiaa Samuel wɔ Rama ne no bɛdii saa asɛm yi ho nkɔmmɔ.

1 Samuel 8:4 in English

1 Samuel 8:4 · Berean Standard Bible

So all the elders of Israel gathered together and came to Samuel at Ramah.

Context

2Nʼabakan no din de Yoɛl ɛnna ne ba a ɔtɔ so mmienu no din de Abiya. Na wɔyɛ atemmufoɔ wɔ Beer-Seba. 3Nanso, na ne mmammarima no nte sɛ wɔn agya. Wɔyɛɛ sikanibereɛ. Wɔgyegyee adanmudeɛ, buu ntɛnkyea. 4Enti, Israel mpanimfoɔ nyinaa hyiaa Samuel wɔ Rama ne no bɛdii saa asɛm yi ho nkɔmmɔ. 5Wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Woabɔ akɔkoraa, na wo mmammarima nso nnante wʼakwan so; enti, si ɔhene na ɔnni yɛn anim sɛdeɛ aman bebree yɛ noɔ no.” 6Wɔn abisadeɛ no anyɛ Samuel dɛ enti, ɔkɔɔ Awurade anim kɔbisaa akwankyerɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.