1 Samuel 3:4
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Prɛko pɛ, Awurade frɛɛ sɛ, “Samuel! Samuel!” Samuel buaa sɛ, “Menie.”
1 Samuel 3:4 in English
1 Samuel 3:4 · Berean Standard Bible
Then the LORD called to Samuel, and he answered, “Here I am.”
Context
2Anadwo bi, na Eli a nʼani reyɛ afira koraa no kɔdaeɛ nkyɛree koraa. 3Na Onyankopɔn kanea no nnya nnumiiɛ. Saa ɛberɛ no na Samuel da Ahyiaeɛ Ntomadan no mu baabi a ɛbɛn Onyankopɔn adaka no. 4Prɛko pɛ, Awurade frɛɛ sɛ, “Samuel! Samuel!”
Samuel buaa sɛ, “Menie.” 5Na ɔyɛɛ ntɛm kɔɔ Eli nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Menie! Wofrɛɛ me?”
Eli nso buaa no sɛ, “Memfrɛɛ wo, na sane kɔda.” Enti ɔsane kɔdaeɛ. 6Awurade sane frɛɛ bio sɛ, “Samuel!”
Bio, Samuel sane yɛɛ ntɛm kɔɔ Eli nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Menie! Wofrɛɛ me?”
Eli buaa no sɛ, “Me ba, memfrɛɛ wo, na sane kɔda.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.