Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Awurade sane frɛɛ bio sɛ, “Samuel!” Bio, Samuel sane yɛɛ ntɛm kɔɔ Eli nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Menie! Wofrɛɛ me?” Eli buaa no sɛ, “Me ba, memfrɛɛ wo, na sane kɔda.”

1 Samuel 3:6 in English

1 Samuel 3:6 · Berean Standard Bible

Once again the LORD called, “Samuel!” So Samuel got up, went to Eli, and said, “Here I am, for you have called me.” “My son, I did not call,” Eli replied. “Go back and lie down.”

Context

4Prɛko pɛ, Awurade frɛɛ sɛ, “Samuel! Samuel!” Samuel buaa sɛ, “Menie.” 5Na ɔyɛɛ ntɛm kɔɔ Eli nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Menie! Wofrɛɛ me?” Eli nso buaa no sɛ, “Memfrɛɛ wo, na sane kɔda.” Enti ɔsane kɔdaeɛ. 6Awurade sane frɛɛ bio sɛ, “Samuel!” Bio, Samuel sane yɛɛ ntɛm kɔɔ Eli nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Menie! Wofrɛɛ me?” Eli buaa no sɛ, “Me ba, memfrɛɛ wo, na sane kɔda.” 7Na Samuel nnya nhunuu Awurade, ɛfiri sɛ, na Awurade asɛm mmaa ne nkyɛn da. 8Enti afei, Awurade frɛɛ Samuel ne mprɛnsa so. Na Samuel yɛɛ ntɛm kɔɔ Eli nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Menie! Wofrɛɛ me?” Ɛhɔ na Eli hunuu sɛ ɛyɛ Awurade na ɔrefrɛ abarimaa no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.