1 Samuel 23:7
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ankyɛre, Saulo tee sɛ Dawid wɔ Keila. Ɔteaam sɛ, “Ɛyɛ. Afei, yɛn nsa aka no. Afei, Onyankopɔn de no ama me. Ɔno ara ama kuro yi ho afasuo ayi no!”
1 Samuel 23:7 in English
1 Samuel 23:7 · Berean Standard Bible
When Saul was told that David had gone to Keilah, he said, “God has delivered him into my hand, for he has trapped himself by entering a town with gates and bars.”
Context
5Enti, Dawid ne ne mmarima kɔɔ Keila. Wɔkunkumm Filistifoɔ no nyinaa, faa wɔn nyɛmmoa, gyee Keilafoɔ no. 6Ahimelek ba Ɔsɔfoɔ Abiatar redwane akɔ Dawid nkyɛn wɔ Keila no, ɔfaa asɔfotadeɛ sɛ ɔrekɔgye mmuaeɛ afiri Awurade nkyɛn ama Dawid. 7Ankyɛre, Saulo tee sɛ Dawid wɔ Keila. Ɔteaam sɛ, “Ɛyɛ. Afei, yɛn nsa aka no. Afei, Onyankopɔn de no ama me. Ɔno ara ama kuro yi ho afasuo ayi no!” 8Enti, Saulo boaboaa nʼakodɔm nyinaa ano sɛ ɔde wɔn rekɔ Keila akɔtua Dawid ne ne mmarima. 9Nanso Dawid hunuu Saulo nhyehyɛeɛ, na ɔka kyerɛɛ ɔsɔfoɔ Abiatar sɛ, ɔmfa asɔfotadeɛ no mmra, na ɔmmisa Awurade deɛ ɛsɛ sɛ ɔyɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.