1 Samuel 23:6
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ahimelek ba Ɔsɔfoɔ Abiatar redwane akɔ Dawid nkyɛn wɔ Keila no, ɔfaa asɔfotadeɛ sɛ ɔrekɔgye mmuaeɛ afiri Awurade nkyɛn ama Dawid.
1 Samuel 23:6 in English
1 Samuel 23:6 · Berean Standard Bible
(Now Abiathar son of Ahimelech had brought the ephod with him when he fled to David at Keilah.)
Context
4Enti Dawid bisaa Awurade bio maa Awurade buaa no sɛ, “Kɔ Keila na mɛboa wo ama woadi Filistifoɔ no so nkonim.” 5Enti, Dawid ne ne mmarima kɔɔ Keila. Wɔkunkumm Filistifoɔ no nyinaa, faa wɔn nyɛmmoa, gyee Keilafoɔ no. 6Ahimelek ba Ɔsɔfoɔ Abiatar redwane akɔ Dawid nkyɛn wɔ Keila no, ɔfaa asɔfotadeɛ sɛ ɔrekɔgye mmuaeɛ afiri Awurade nkyɛn ama Dawid. 7Ankyɛre, Saulo tee sɛ Dawid wɔ Keila. Ɔteaam sɛ, “Ɛyɛ. Afei, yɛn nsa aka no. Afei, Onyankopɔn de no ama me. Ɔno ara ama kuro yi ho afasuo ayi no!” 8Enti, Saulo boaboaa nʼakodɔm nyinaa ano sɛ ɔde wɔn rekɔ Keila akɔtua Dawid ne ne mmarima.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.