1 Samuel 23:5
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Enti, Dawid ne ne mmarima kɔɔ Keila. Wɔkunkumm Filistifoɔ no nyinaa, faa wɔn nyɛmmoa, gyee Keilafoɔ no.
1 Samuel 23:5 in English
1 Samuel 23:5 · Berean Standard Bible
Then David and his men went to Keilah, fought against the Philistines, and carried off their livestock, striking them with a mighty blow. So David saved the people of Keilah.
Context
3Nanso, Dawid mmarima no kaa sɛ, “Yuda ha mpo yɛsuro. Yɛmpɛ sɛ yɛbɛkɔ Keila akɔko atia Filistifoɔ akodɔm no nyinaa.” 4Enti Dawid bisaa Awurade bio maa Awurade buaa no sɛ, “Kɔ Keila na mɛboa wo ama woadi Filistifoɔ no so nkonim.” 5Enti, Dawid ne ne mmarima kɔɔ Keila. Wɔkunkumm Filistifoɔ no nyinaa, faa wɔn nyɛmmoa, gyee Keilafoɔ no. 6Ahimelek ba Ɔsɔfoɔ Abiatar redwane akɔ Dawid nkyɛn wɔ Keila no, ɔfaa asɔfotadeɛ sɛ ɔrekɔgye mmuaeɛ afiri Awurade nkyɛn ama Dawid. 7Ankyɛre, Saulo tee sɛ Dawid wɔ Keila. Ɔteaam sɛ, “Ɛyɛ. Afei, yɛn nsa aka no. Afei, Onyankopɔn de no ama me. Ɔno ara ama kuro yi ho afasuo ayi no!”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.