Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Nanso Dawid hunuu Saulo nhyehyɛeɛ, na ɔka kyerɛɛ ɔsɔfoɔ Abiatar sɛ, ɔmfa asɔfotadeɛ no mmra, na ɔmmisa Awurade deɛ ɛsɛ sɛ ɔyɛ.

1 Samuel 23:9 in English

1 Samuel 23:9 · Berean Standard Bible

When David learned that Saul was plotting evil against him, he said to Abiathar the priest, “Bring the ephod.”

Context

7Ankyɛre, Saulo tee sɛ Dawid wɔ Keila. Ɔteaam sɛ, “Ɛyɛ. Afei, yɛn nsa aka no. Afei, Onyankopɔn de no ama me. Ɔno ara ama kuro yi ho afasuo ayi no!” 8Enti, Saulo boaboaa nʼakodɔm nyinaa ano sɛ ɔde wɔn rekɔ Keila akɔtua Dawid ne ne mmarima. 9Nanso Dawid hunuu Saulo nhyehyɛeɛ, na ɔka kyerɛɛ ɔsɔfoɔ Abiatar sɛ, ɔmfa asɔfotadeɛ no mmra, na ɔmmisa Awurade deɛ ɛsɛ sɛ ɔyɛ. 10Na Dawid bɔɔ mpaeɛ sɛ, “Ao, Awurade, Israel Onyankopɔn, mate sɛ Saulo ayɛ nhyehyɛeɛ sɛ ɔbɛba abɛsɛe Keila, ɛfiri sɛ, mewɔ ha. 11Merebisa sɛ, enti Keila mmarima bɛyi me ama no anaa? Na Saulo bɛba ampa ara sɛdeɛ mete no? Ao, Awurade, Israel Onyankopɔn, ka kyerɛ me.” Na Awurade buaa no sɛ, “Ɔbɛba.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.