Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Na abarimaa no nnim yei ho hwee; Yonatan ne Dawid nko ara na na wɔnim.

1 Samuel 20:39 in English

1 Samuel 20:39 · Berean Standard Bible

But the boy did not know anything; only Jonathan and David knew the arrangement.

Context

37Na ɛberɛ a abarimaa no duruu baabi a Yonatan bɛmma no akɔtɔ no, Yonatan frɛɛ no sɛ, “bɛmma no ntraa wo anaa?” 38Enti, Yonatan teaam sɛ, “Ka wo ho! Kɔ ntɛm! Nnyina.” Abarimaa no faa bɛmma no sane baa ne wura nkyɛn. 39Na abarimaa no nnim yei ho hwee; Yonatan ne Dawid nko ara na na wɔnim. 40Na Yonatan de nʼakodeɛ maa abarimaa no kaa sɛ, “Kɔ, soa sane fa kɔ kurom.” 41Ɛberɛ a abarimaa no kɔeɛ ara pɛ, Dawid pue firii baabi a ɔkɔhintaeɛ hɔ a ɛbɛn aboɔ sie no baeɛ. Na Dawid bɔɔ ne mu ase wɔ Yonatan anim, de nʼanim butuu fam. Na wɔfefee wɔn ho ano, na wɔmaa wɔn ho wɔn ho nante yie, na wɔsuiɛ, ne titire no, Dawid.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.