1 Samuel 20:40
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na Yonatan de nʼakodeɛ maa abarimaa no kaa sɛ, “Kɔ, soa sane fa kɔ kurom.”
1 Samuel 20:40 in English
1 Samuel 20:40 · Berean Standard Bible
Then Jonathan gave his equipment to the boy and said, “Go, take it back to the city.”
Context
38Enti, Yonatan teaam sɛ, “Ka wo ho! Kɔ ntɛm! Nnyina.” Abarimaa no faa bɛmma no sane baa ne wura nkyɛn. 39Na abarimaa no nnim yei ho hwee; Yonatan ne Dawid nko ara na na wɔnim. 40Na Yonatan de nʼakodeɛ maa abarimaa no kaa sɛ, “Kɔ, soa sane fa kɔ kurom.” 41Ɛberɛ a abarimaa no kɔeɛ ara pɛ, Dawid pue firii baabi a ɔkɔhintaeɛ hɔ a ɛbɛn aboɔ sie no baeɛ. Na Dawid bɔɔ ne mu ase wɔ Yonatan anim, de nʼanim butuu fam. Na wɔfefee wɔn ho ano, na wɔmaa wɔn ho wɔn ho nante yie, na wɔsuiɛ, ne titire no, Dawid. 42Akyire no, Yonatan ka kyerɛɛ Dawid sɛ, “Kɔ asomdwoeɛ mu, ɛfiri sɛ, yɛayɛ apam wɔ Awurade din mu. Yɛde yɛn mu biara ne yɛn mu biara mma ahyɛ Awurade nsa afebɔɔ.” Na Dawid kɔeɛ, ɛnna Yonatan nso sane kɔɔ kuro no mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.