Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wo werɛ afiri ɛberɛ a ɔde ne nkwa too ne nsam, kɔkumm Filistini ɔbrane, na ɛnam so maa Awurade de nkonimdie kɛseɛ brɛɛ Israel no? Saa ɛberɛ no, akyinnyeɛ biara nni ho sɛ, wʼani gyeeɛ. Adɛn enti na ɛsɛ sɛ wokum onipa a ne ho nni asɛm sɛ Dawid? Nkyerɛaseɛ pa biara nni so koraa.”

1 Samuel 19:5 in English

1 Samuel 19:5 · Berean Standard Bible

He took his life in his hands when he struck down the Philistine, and the LORD worked a great salvation for all Israel. You saw it and rejoiced, so why would you sin against innocent blood by killing David for no reason?”

Context

3Mɛka akyerɛ mʼagya, na ɔne me aba hɔ na mɛka wo ho asɛm nyinaa akyerɛ no. Na biribiara a mɛhunu wɔ hɔ no nso, mɛbɔ wo amaneɛ.” 4Adeɛ kyee anɔpa no, Yonatan ne nʼagya dii nkɔmmɔ faa Dawid ho. Yonatan kaa ne ho nsɛm pa pii. Yonatan srɛɛ nʼagya sɛ, “Mesrɛ wo, nyɛ bɔne biara ntia Dawid. Ɔnyɛɛ biribiara a ɛbɛha wo. Daa, ɔnam ɛkwan biara a ɔbɛtumi so boa wo. 5Wo werɛ afiri ɛberɛ a ɔde ne nkwa too ne nsam, kɔkumm Filistini ɔbrane, na ɛnam so maa Awurade de nkonimdie kɛseɛ brɛɛ Israel no? Saa ɛberɛ no, akyinnyeɛ biara nni ho sɛ, wʼani gyeeɛ. Adɛn enti na ɛsɛ sɛ wokum onipa a ne ho nni asɛm sɛ Dawid? Nkyerɛaseɛ pa biara nni so koraa.” 6Enti, Saulo tiee Yonatan, na ɔkaa ho ntam dii nse sɛ, “Sɛ Awurade te ase yi, wɔrenkum Dawid.” 7Akyire yi, Yonatan frɛɛ Dawid kaa asɛm a asi no kyerɛɛ no. Enti, ɔfaa Dawid de no kɔhunuu Saulo, na biribiara totɔɔ yie, sɛdeɛ kane no na ɛteɛ no ara pɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.