1 Samuel 19:7
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Akyire yi, Yonatan frɛɛ Dawid kaa asɛm a asi no kyerɛɛ no. Enti, ɔfaa Dawid de no kɔhunuu Saulo, na biribiara totɔɔ yie, sɛdeɛ kane no na ɛteɛ no ara pɛ.
1 Samuel 19:7 in English
1 Samuel 19:7 · Berean Standard Bible
So Jonathan summoned David and told him all these things. Then Jonathan brought David to Saul to serve him as he had before.
Context
5Wo werɛ afiri ɛberɛ a ɔde ne nkwa too ne nsam, kɔkumm Filistini ɔbrane, na ɛnam so maa Awurade de nkonimdie kɛseɛ brɛɛ Israel no? Saa ɛberɛ no, akyinnyeɛ biara nni ho sɛ, wʼani gyeeɛ. Adɛn enti na ɛsɛ sɛ wokum onipa a ne ho nni asɛm sɛ Dawid? Nkyerɛaseɛ pa biara nni so koraa.” 6Enti, Saulo tiee Yonatan, na ɔkaa ho ntam dii nse sɛ, “Sɛ Awurade te ase yi, wɔrenkum Dawid.” 7Akyire yi, Yonatan frɛɛ Dawid kaa asɛm a asi no kyerɛɛ no. Enti, ɔfaa Dawid de no kɔhunuu Saulo, na biribiara totɔɔ yie, sɛdeɛ kane no na ɛteɛ no ara pɛ. 8Ankyɛre biara na ɔko bi siiɛ, maa Dawid dii nʼakodɔm anim kɔko tiaa Filistifoɔ. Ɔde anibereɛ tuaa wɔn, maa wɔn nyinaa dwaneeɛ. 9Nanso, ɛda bi Saulo te fie ara na honhommɔne a ɛfiri Awurade bɛhyɛɛ ne mu prɛko pɛ bio. Ɛberɛ a Dawid rebɔ ne sankuo ama ɔhene no,
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.