Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mɛka akyerɛ mʼagya, na ɔne me aba hɔ na mɛka wo ho asɛm nyinaa akyerɛ no. Na biribiara a mɛhunu wɔ hɔ no nso, mɛbɔ wo amaneɛ.”

1 Samuel 19:3 in English

1 Samuel 19:3 · Berean Standard Bible

I will go out and stand beside my father in the field where you are, so I can ask about you. And if I find out anything, I will tell you.”

Context

1Saulo hyɛɛ nʼasomfoɔ ne ne babarima Yonatan sɛ wɔnkum Dawid. Nanso, ɛsiane sɛ na Yonatan adamfo brɛboɔ ne Dawid enti, 2Yonatan kaa adwene a nʼagya ayɛ afa ne ho no kyerɛɛ no tuu no fo sɛ, “Ɔkyena anɔpa, pɛ wiram baabi kɔbɔ wo ho adwaa, ɛfiri sɛ, mʼagya repɛ wo akum wo. 3Mɛka akyerɛ mʼagya, na ɔne me aba hɔ na mɛka wo ho asɛm nyinaa akyerɛ no. Na biribiara a mɛhunu wɔ hɔ no nso, mɛbɔ wo amaneɛ.” 4Adeɛ kyee anɔpa no, Yonatan ne nʼagya dii nkɔmmɔ faa Dawid ho. Yonatan kaa ne ho nsɛm pa pii. Yonatan srɛɛ nʼagya sɛ, “Mesrɛ wo, nyɛ bɔne biara ntia Dawid. Ɔnyɛɛ biribiara a ɛbɛha wo. Daa, ɔnam ɛkwan biara a ɔbɛtumi so boa wo. 5Wo werɛ afiri ɛberɛ a ɔde ne nkwa too ne nsam, kɔkumm Filistini ɔbrane, na ɛnam so maa Awurade de nkonimdie kɛseɛ brɛɛ Israel no? Saa ɛberɛ no, akyinnyeɛ biara nni ho sɛ, wʼani gyeeɛ. Adɛn enti na ɛsɛ sɛ wokum onipa a ne ho nni asɛm sɛ Dawid? Nkyerɛaseɛ pa biara nni so koraa.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.