1 Samuel 19:2
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Yonatan kaa adwene a nʼagya ayɛ afa ne ho no kyerɛɛ no tuu no fo sɛ, “Ɔkyena anɔpa, pɛ wiram baabi kɔbɔ wo ho adwaa, ɛfiri sɛ, mʼagya repɛ wo akum wo.
1 Samuel 19:2 in English
1 Samuel 19:2 · Berean Standard Bible
so he warned David, saying, “My father Saul intends to kill you. Be on your guard in the morning; find a secret place and hide there.
Context
1Saulo hyɛɛ nʼasomfoɔ ne ne babarima Yonatan sɛ wɔnkum Dawid. Nanso, ɛsiane sɛ na Yonatan adamfo brɛboɔ ne Dawid enti, 2Yonatan kaa adwene a nʼagya ayɛ afa ne ho no kyerɛɛ no tuu no fo sɛ, “Ɔkyena anɔpa, pɛ wiram baabi kɔbɔ wo ho adwaa, ɛfiri sɛ, mʼagya repɛ wo akum wo. 3Mɛka akyerɛ mʼagya, na ɔne me aba hɔ na mɛka wo ho asɛm nyinaa akyerɛ no. Na biribiara a mɛhunu wɔ hɔ no nso, mɛbɔ wo amaneɛ.” 4Adeɛ kyee anɔpa no, Yonatan ne nʼagya dii nkɔmmɔ faa Dawid ho. Yonatan kaa ne ho nsɛm pa pii. Yonatan srɛɛ nʼagya sɛ, “Mesrɛ wo, nyɛ bɔne biara ntia Dawid. Ɔnyɛɛ biribiara a ɛbɛha wo. Daa, ɔnam ɛkwan biara a ɔbɛtumi so boa wo.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.